Yԑn Nyinasoↄ Nsɛm

Anisoadehunu

Yɛbɛsiesie yɛn asuafoɔ ama wɔanya ahummↄborↄ, nkoden, na w’atumi ayɛ nneɛma pii na wɔasiesie wɔn ho ama daakye akwannya ahodoɔ.

Botae

Yɛde amanhodoɔ adesua ma mmↄfra a wɔn gu ahoroɔ wɔ Newmont Ghana Ahafo mpɔtam hɔ, denam adesua nhyehyɛe a ɛtrɛ a ɛhyɛ yɛn asuafoɔ ma wɔyɛ mmeranteɛ ne mmabaa a wɔn ho akokwaw, a wɔtumi yɛ nneɛma nyinaa.

Yɛn nyinasoɔ atitiriw

  • Yɛnnyɛ nnyiyimuMmɔfra, adwumayɛfoↄ ne sukuu mpɔtamfoↄ kabom, na yɛde obuo ma obibiara pɛpɛɛpɛ.
  • Yɛde nkabom yɛ adwuma wɔ ɛberɛ a yɛne yenho yɛnho wɔ nkutahodie papaYɛgye tom sɛ, sɛ yɛbom yɛ adwuma ma obiara nya so mfasoↄ nkutoo a, yԑbԑtumi ayɛ abusua trodoo.
  • Yɛyɛ akokodurufoYɛnnsuro anamↄn biara a yɛbɛtu wɔ yɛn mmɔdenmɔ mu sɛ yɛbɛsua na yɛanya nkɔsoɔ wɔ ahokokwaw, nimdeɛ ne nteaseɛ mu.
  • Yɛkyerɛ animdisɛmYɛyɛ nea yԑbԑtumi biara berԑ nyinaa sɛ yɛbɛyɛ adwumaden na yɛadi yɛn nkunimdie ho ahurusie.
  • Yɛdwene afoforo hoYɛdwene yɛnho yɛnho ne yɛn mpɔtamfoↄ ho, na yɛda ahummɔborɔ adi ma wɔn a wonnibie.
  • Yɛdan asodie adiYɛwɔ asodie wɔ paw a yɛpaw wɔ yɛn abrabɔ mu afa nyina ara ho.
  • Yɛwɔ nokwaredieYɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛdi nokware na yɛasɔ abrabɔ ho nnyinasosɛm a emu yɛ den mu.